17Berɛ a Abram dii mfeɛ 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nante m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*
7 “Na mɛma apam a me ne wo ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ+ sɛ daa apam de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na wo ne w’aseni* a ɔbɛdi w’akyi aba nyinaa, mɛyɛ mo Nyankopɔn.
10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo din de Yakob.+ Nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel.” Enti ɔfirii aseɛ frɛɛ no Israel.+11 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Monwo na monnɔɔso.+ Aman ne aman asafodɔm ne ahemfo bɛfiri wo mu aba.*+