Dwom 78:69 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 69 Ne tenabea kronkron no, ɔde tim hɔ te sɛ ɔsoro;*+Ɔyɛɛ no te sɛ asaase a ɔde atim hɔ afebɔɔ no.+ Dwom 104:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔde asaase atim ne fapem so;+Ɛbɛtim baabi a ɛtim daa daa.*+ Dwom 119:90 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 90 Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.+ Wode asaase atim hɔ pintinn, na ɛbɛtena hɔ daa.+ Mmebusɛm 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asaase fapem.+ Nhunumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+