10 Sɛdeɛ nsuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam
Na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asaase ma nneɛma fifi na ɛso,
Na ogufoɔ nya aba, na odifoɔ nya aduane no,
11 Saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anom bɛyɛ.+
Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+
Mmom, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛyɛ deɛ mepɛ,+
Na deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛbɛwie deɛ enti a mesomaa no no.