Luka 1:69 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 69 Wapagya nkwagyeɛ abɛn*+ wɔ n’akoa Dawid+ fie ama yɛn, Luka 22:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Ɛnna ɔbɔfoɔ bi firi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔhyɛɛ no den.+ 2 Korintofoɔ 6:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na ɔka sɛ: “Berɛ a ɛfata mu na metiee wo; nkwagyeɛ da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom berɛ. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da. Hebrifoɔ 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Berɛ a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteamu a emu yɛ den ne nisuo+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro nti, wɔtiee no.
2 Na ɔka sɛ: “Berɛ a ɛfata mu na metiee wo; nkwagyeɛ da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom berɛ. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.
7 Berɛ a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteamu a emu yɛ den ne nisuo+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro nti, wɔtiee no.