54 “Bonini a wonwoeɛ, di ahurisie!+
Wo a wontee awoɔ yea da,+ ma w’ani nnye na bɔ ose,+
Ɛfiri sɛ ɔbaa a wɔapo no no mma mmarima dɔɔso
Sene deɛ ɔwɔ kunu no deɛ,”+ Yehowa asɛm nie.
2 “Trɛ wo ntomadan mu.+
Ma wo ntomadan kɛseɛ no ntoma mu ntrɛ.
Twe mu ara. Ma wo ntomadan nhoma nyɛ atenten,
Na nnua a wode bɛbobɔ wo ntomadan mu atim fam no, ma emu nyɛ den.+