-
Genesis 46:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Ɛno akyi no, Yakob firii Beer-Seba; Israel mma no de wɔn papa Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao de somaa sɛ wɔmfa nkɔfa no mmra no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔnyaa no Kaanan asaase so. Enti Yakob ne n’asefoɔ nyinaa kɔduruu Egypt. 7 Ɔde ne mma mmarima, ne mma mmaa, ne nananom—n’asefoɔ nyinaa, kaa ne ho kɔɔ Egypt.
-