-
Mateo 8:14-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Na berɛ a Yesu baa Petro fie no, ɔhunuu sɛ n’asebaa+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti ɔsɔɔ ne nsa,+ na atiridii no gyaee. Afei ɔbaa no sɔree, na ɔfirii aseɛ som Yesu. 16 Na ɛduruu anwummerɛ no, nkurɔfoɔ de nnipa bebree a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yareɛ, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no bɛba mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn yea.”*+
-