19 ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛma ne Ba no adi mu korakora,+ 20 na ɔnam ne so, kyerɛ sɛ, ne mogya+ a ɔhwie guu asɛndua no so nti, wasan aka nneɛma nyinaa abom bio,+ asaase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa, na ama asomdwoeɛ aba Onyankopɔn ne wɔn ntam.