32 Twerɛnsɛm mu asɛm a na ɔrekenkan no nie: “Wɔde no kɔe te sɛ odwan a wɔrekɔku no, na sɛdeɛ odwan ba a wɔretwitwa ne nwi yɛ komm no, saa ara na ɔno nso ammue n’ano.+ 33 Berɛ a wɔbrɛɛ no ase no, wɔammu atɛntenenee amma no.+ Hwan na ɔbɛkyerɛ n’awoɔ ntoatoasoɔ? Ɛfiri sɛ wɔtwaa no firii asaase so.”+