18 Enti afei, sɛdeɛ mfomsoɔ baako de afobuo baa nnipa ahodoɔ nyinaa so+ no, saa ara na adetenenee baako ma wɔbu nnipa ahodoɔ nyinaa+ ateneneefoɔ ma nkwa.+ 19 Na sɛdeɛ onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefoɔ+ no, saa ara na ɔbaakofoɔ no setie bɛma nnipa bebree ayɛ ateneneefoɔ.+