34 Hwan na ɔbɛtumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ no, na deɛ ɛsene saa no, ɔno ne deɛ wɔanyane no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+
26 Anyɛ saa a, anka gye sɛ ɔhunu amane mprɛ pii firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase no.* Nanso afei deɛ, wayi ne ho adi prɛko wɔ wiase yi* awieeɛ berɛ mu sɛ ɔnam afɔreɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so bɛyi bɔne afiri hɔ.+
2Me mma nkumaa, meretwerɛ weinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafoɔ* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔteneneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔreɛ+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara deɛ, na mmom wiase nyinaa nso deɛ ka ho.+