33 Tuutuufoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ na ɛma wɔn akyɛdeɛ,+ nanso wo deɛ, wo na wokyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ adwaman no adeɛ,+ na wotua sika ma wɔn ma wɔfiri mmeaeɛ nyinaa ba wo nkyɛn ne wo bɛbɔ adwaman.+
18 “Berɛ a ɔsenee ne kɔn na ɔkɔɔ so sii tuutuu na ɔyii n’adagya so no,+ ne ho yɛɛ me abofono, na metwee me ho firii ne ho sɛdeɛ ne nuabaa ho yɛɛ me abofono maa metwee me ho* firii ne ho no.+