-
Hesekiel 18:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 ɔntan obiara ani,+ na mmom ɔde adeɛ a ohiani de asi awowa san ma no,+ ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na mmom ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no,+ na deɛ ɔda adagya nso, ɔfira no ntoma;+ 8 ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne,+ ɔnsisi obiara,+ na mmom sɛ obi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔbu atɛntenenee;+
-