Yesaia 61:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfoɔ;+Wɔbɛfrɛ mo yɛn Nyankopɔn asomfoɔ. Mobɛdi amanaman ahonyadeɛ,+Na mode wɔn animuonyam* bɛhoahoa mo ho. Hagai 2:7, 8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “‘Na mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo* bɛba;+ na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika kɔkɔɔ nso yɛ me dea,’ asafo Yehowa asɛm nie.
6 Mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfoɔ;+Wɔbɛfrɛ mo yɛn Nyankopɔn asomfoɔ. Mobɛdi amanaman ahonyadeɛ,+Na mode wɔn animuonyam* bɛhoahoa mo ho.
7 “‘Na mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo* bɛba;+ na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika kɔkɔɔ nso yɛ me dea,’ asafo Yehowa asɛm nie.