9 Foro kɔ bepɔ tenten so,
Ɔbaa a wode asɛmpa reba Sion.+
Ma wo nne so dendeenden,
Ɔbaa a wode asɛmpa reba Yerusalem.
Ma so, nsuro.
Ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: “Mo Nyankopɔn nie.”+
10 Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa de tumi bɛba,
Na ne basa bɛdi tumi ama no.+
Hwɛ! N’akatua ka ne ho,
Na deɛ ɔde tua ka di n’anim.+