“Me nuanom ne me man, montie me. Ná ɛda m’akoma so sɛ mɛsi efie a ɛbɛyɛ homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ,+ na mesiesiee me ho sɛ mɛsi.+
48 Nso deɛ ɛwom ne sɛ, Ɔsorosoroni no nte afie a nnipa de wɔn nsa asi mu,+ sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no. Ɔkaa sɛ: 49 ‘Ɔsoro yɛ m’ahennwa,+ na asaase yɛ me nan ntiasoɔ.+ Efie bɛn na mobɛsi ama me? Yehowa* na ɔseɛ. Anaa homebea bɛn na mode bɛma me? 50 Ɛnyɛ me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa?’+