-
Yesaia 65:9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Mede aseni* bi bɛfiri Yakob mu aba,
Na Yuda mu na mɛyi deɛ me mmepɔ bɛyɛ ne dea;+
Wɔn a mayi wɔn no bɛfa,
Na me nkoa atena hɔ.+
-
Hosea 1:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “Na Israelfoɔ* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a ɛnni ano a wɔntumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako,+ na wɔbɛyi baako adi wɔn anim na wɔafiri asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+
-
-
-