27 Yotam+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babaa.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no.+ Ɔno deɛ, wammɔ anwura Yehowa asɔrefie hɔ.+ Nanso na ɔman no gu so reyɛ nneɛma bɔne.