-
Yesaia 56:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Na ahɔhoɔ a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no
Na wɔadɔ Yehowa din,+
Na wɔayɛ n’asomfoɔ,
Wɔn a wɔdi Homeda a wɔngu ho fĩ
Na wɔkura m’apam mu dendeenden nyinaa no,
7 Me nso mede wɔn
bɛba me bepɔ kronkron no so+
Na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.
Wɔn hyeɛ afɔreɛ ne wɔn afɔreɛ ahodoɔ nyinaa, wɔbɛgye no wɔ m’afɔrebukyia so.
Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+
-
-
Sakaria 8:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Na aman pii ne aman akɛseɛ bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkoto asrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ.’
23 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Saa berɛ no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa hodoɔ nyinaa+ bɛsosɔ Yudani* baako ataadeɛ* mu, aane, wɔbɛsosɔ mu dendeenden aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+
-