-
Hesekiel 7:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Ɛberɛ no bɛso, na da no bɛduru. Mma deɛ ɔtɔ nnni ahurisie na deɛ ɔtɔn nso nnni awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ aba dɔm no nyinaa so.*+ 13 Sɛ deɛ ɔtɔn no nya ne tiri didi mu mpo a, ɔrentumi nsan nkɔ deɛ watɔn no ho, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa nnipa no nyinaa ho. Obiara rensan n’akyi, na wɔn bɔne nti obiara rentumi* nnye ne ho nkwa.
-