2 Sɛ mewɔ akwantufoɔ tenabea wɔ serɛ so a,
Anka mɛgya me man hɔ na mafiri wɔn nkyɛn akɔ,
Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,+
Nkontompofoɔ fekuo.
3 Wɔkuntunu wɔn kɛtrɛma mu te sɛ agyan;
Nokorɛdie ayera; atorɔdie nko ara na ɛwɔ asaase no so.+
“Wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,
Na wɔmfa me nyɛ hwee,”+ Yehowa asɛm nie.