7 Berɛ a Yehowa huu sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, Yehowa ka kyerɛɛ Semaia sɛ: “Wɔabrɛ wɔn ho ase, enti merensɛe wɔn.+ Ɛrenkyɛ mɛgye wɔn, na meremfa Sisak so nhwie m’abufuo ngu Yerusalem so. 8 Nanso wɔbɛyɛ ne nkoa na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛwom sɛ wɔbɛsom me, ne sɛ wɔbɛsom nsaase no so ahemfo.”