-
Deuteronomium 28:53-55Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
53 Ɛba saa a, ɛsiane sɛ worennya wo ho atwaeɛ na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, wo ankasa wo mma* mmarima ne wo mma mmaa a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wɔbɛwe wɔn.+
54 “Ɔbarima a ne ho dwo na ɔdwene nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na ɛsiane ahokyerɛ ne nhyɛsoɔ a wo tamfo de bɛba wo nkuro no so nti, n’ano aduane bɛbɔ no+ ama no awe ne ba nam, na ɔremma obiara bi.
-