23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduane a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.+ Saa da no, wo mmoa bɛnya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+ 24 Na anantwie ne mfunumu a wɔdɔ asaase no bɛdi nnuane pa a wɔakeka afra a wɔde sofi ne nkorabata ahu so.