14 Akyire yi a Lot tee ne ho firii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafoɔ, apueeɛ ne atɔeɛ, 15 ɛfiri sɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefoɔ*+ afebɔɔ.
3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+