-
Yeremia 9:25, 26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na obiara a watwa twetia* nanso ɔntwaa twetia no, mɛbu no atɛn;+ 26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so+ a watwitwa n’asontorɔm nwi no, mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman no nyinaa ntwaa twetia, na Israel fie nyinaa nso ntwaa wɔn akoma twetia.”+
-