-
1 Ahemfo 11:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Ɔhene Solomon dɔɔ aman foforɔ so mmaa+ bebree kaa Farao babaa+ no ho. Ná mmaa no firi Moab,+ Ammon,+ Edom, Sidon,+ ne Hitifoɔ+ mu. 2 Aman a wɔfiri mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛdane mo akoma ama moakɔdi anyame foforɔ akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn. 3 Ɔnyaa yerenom 700 a wɔyɛ adehyeɛ, ne mpenafoɔ* 300, na ne yerenom de nkakrankakra danee n’akoma.*
-