9 Montɛɛ mo anom na mo ho nnwiri mo;+
Monka mo ani mfemfam so na mo ani mfira.+
Wɔabobo, nanso ɛnyɛ nsã ntira;
Wɔkɔ afã-afã, nanso ɛnyɛ nsã a ɛborɔ ntira.
10 Yehowa ahwie honhom a ɛma wɔda hatee agu mo so;+
Wakata mo ani, mo a moyɛ adiyifoɔ no;+
Na wakata mo ti, mo a moyɛ adehunufoɔ no.+