43 Afei asɛm a Yehowa,
Deɛ ɔbɔɔ wo, O Yakob, deɛ ɔnwenee wo, O Israel,+ aka nie;
“Nsuro, na magye wo.+
Mabɔ wo din afrɛ wo.
Woyɛ me dea.
2 Sɛ wotwa nsuo a, mɛdi w’akyi;+
Wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo.+
Sɛ wofa egya mu a, ɛrenhye wo,
Na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.