9 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Tiro bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu kɔmaa Edom,
Na wɔankae anuanom apam no.+
10 Enti mede egya bɛto Tiro fasuo mu,
Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.’+