8 Ɛfiri sɛ Hesbon+ mfuo ahye,
Sibma+ bobe no,
Aman no atumfoɔ atiatia ne mman a aso bobe pa dɔsɔɔ no so;
Ɛkɔe ara kɔduruu Yaser;+
Ɛkɔduruu serɛ so.
Ne mman trɛtrɛe, na ɛkɔe ara kɔduruu po mu.
9 Wei nti na mɛsu Sibma bobe sɛdeɛ mesu Yaser no.
Mede me nisuo bɛfɔ wo, Hesbon ne Eleale,+
Ɛfiri sɛ sɛdeɛ wɔteateam gu w’ahuhuro berɛ mu aba ne wo twaberɛ so no, aba awieeɛ.