19 “Onipa ba, yɛ akwan mmienu na Babilon hene sekan mfa so mmra. Ma mmienu no nyinaa mfiri asaase baako so, na yɛ akyerɛkyerɛkwan fa si nkuro mmienu no nkwanta so. 20 Siesie ɛkwan baako ma sekan no nkɔ Ammonfoɔ kuro Raba mu,+ na baako nso nkɔ Yerusalem kuro a wɔabɔ ho ban no mu+ wɔ Yuda.