-
Hesekiel 23:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 “Enti Oholiba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mɛma w’adɔfoɔ a wɔn ho fonoo wo* nti wotwee wo ho firii wɔn ho no aba wo so;+ mede wɔn bɛfiri afã nyinaa aba wo so,+ 23 Babilonfoɔ+ ne Kaldeafoɔ nyinaa,+ Pekod ne Soa ne Koa mmarima,+ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa. Wɔn nyinaa yɛ mmarima ahoɔfɛfoɔ, amradofoɔ ne asoafoɔ, akofoɔ ne wɔn a wɔahyɛ da afrɛ wɔn; wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so.
-