-
Habakuk 2:9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Deɛ ɔpɛ mfaso bɔne ma ne fiefoɔ,
Na ɔyɛ ne pirebuo wɔ beaeɛ a ɛkorɔn,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛgye ne ho afiri mmusuo mu no, ɔnnue!
-
-
Adiyisɛm 18:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 “Asaase so adwadifoɔ nso resu di ne ho awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ nneɛma a wɔretɔn no bio, 12 nneɛma a wɔtɔn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden aboɔ ne abohene ne nwera pa ne ntoma afasebire ne sirikyi ne ntoma kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ hwam ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde asonse* ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde nnua a ne boɔ yɛ den ayɛ, ne deɛ wɔde kɔbere ne dadeɛ ne abohemmaa ayɛ;
-