-
2 Berɛsosɛm 4:11-15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Hiram san yɛɛ adeɛ a wɔde sesa nsõ ne sofi ne nkyɛnsee no.+
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie ho+ no: 12 Ɔyɛɛ adum mmienu+ ne ntaasoɔ nkuruwankuruwa a ɛsi adum mmienu no so, ne atena mmienu+ a ɛkata adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho; 13 ɛne atena mmienu no ho granate akutuo* 400+ no, atena no biara ho granate akutuo no sa so mmienu, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho;+ 14 ɛne trɔk du a wɔde twe nsuo ne asɛn du a ɛsisi trɔk no so;+ 15 ɛne Ɛpo no ne anantwie 12 a ɛsi wɔn so no;+
-