23 Afei ɔde dadeɛ yɛɛ ɛsɛn kɛseɛ a wɔde nsuo bɛgu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa 10. Ɛsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 5. Ahoma a ne tenten yɛ basafa 30 na ɛtumi twa ho hyia.+
25 Wɔde sii kɔbere anantwie 12 so;+ anantwie no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔeɛ fam, 3 ani kyerɛ anaafoɔ fam, na 3 ani kyerɛ apueeɛ fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase.