15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.