30 Yehowa asɛm nie: “Monnue, mma atuatefoɔ,+
Wɔn a nhyehyɛeɛ a wɔdi akyire no mfiri me,+
Wɔn a wɔyɛ apam, nanso me honhom mpene so,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde bɔne bɛka bɔne ho.
2 Wɔsiane kɔ Egypt+ berɛ a wɔmmisaa me,+
Sɛ wɔrekɔpɛ ahobammɔ wɔ Farao nkyɛn
Na wɔakɔhinta Egypt nwunu ase!