20 Ɔde wɔn a wɔfiri sekan ano kaeɛ no kɔɔ Babilon,+ na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne ne mma kɔsii sɛ Persia ahemman bɛnyaa tumi.+21 Wei maa Yehowa asɛm a ɔmaa Yeremia kaeɛ no baa mu+ kɔsii sɛ asaase no home de tuaa home nna ka a ɛde no.+ Nna dodoɔ a ɛdaa hɔ kwa* no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ 70 duruiɛ.+
2 a ɔbɛdii hene mu no, me Daniel, mehwehwɛɛ nwoma ahodoɔ* no mu, na mehunuu mfeɛ dodoɔ a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn no kyerɛɛ sɛ Yerusalem bɛsɛe+ a obiara rentena hɔ no; ɛyɛ mfeɛ 70.+
5 “Bisa asaase no sofoɔ ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Berɛ a moyɛɛ akɔnkyene na mosuu bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson no mu+ mfeɛ 70 no,+ moyɛɛ akɔnkyene no maa me anaa?