-
Hesekiel 18:2-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 “Ɛbɛ a mobu no Israel asaase so sɛ, ‘Agyanom di bobebunu, nanso mma na wɔn se fem’+ no, ɛkyerɛ sɛn?
3 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi deɛ, morentumi mmu bɛ yi wɔ Israel bio. 4 Hwɛ, akra* nyinaa yɛ me dea. Sɛdeɛ agya kra wɔ me no, saa ara na ɔba nso kra wɔ me. Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo.
-