-
Hebrifoɔ 8:8-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Na ɔnyaa ɔman no ho mfomsoɔ, na ɔkaa sɛ: “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa* asɛm nie, ‘na me ne Israel fie ne Yuda fie bɛyɛ apam foforɔ. 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no da a mesosɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Egypt asaase so+ no. Ɛfiri sɛ wɔanni m’apam no so; ɛno nti, manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa* asɛm nie.”
10 “‘Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem, na mɛtwerɛ wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.+
11 “‘Na obiara renkyerɛ ne man muni ne ne nua bio sɛ: “Monhunu Yehowa!”* Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 12 Na mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn nneyɛɛ bɔne ho, na merenkae wɔn bɔne bio.’”+
-