Dwom 25:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ampa, wɔn a wɔn ani da wo so no, wɔn mu biara ani renwu.+Nanso nnipa* a wɔtwa wɔn yɔnko nkontompo kwa no, wɔn anim bɛgu ase.+ Dwom 130:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 M’ani da Yehowa so; mede me werɛ nyinaa ahyɛ ne mu;*N’asɛm na m’ani da so. Yesaia 25:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Saa da no wɔbɛka sɛ: “Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn nie!+ Yɛde yɛn ani ato ne so,+Na ɔbɛgye yɛn.+ Yehowa nie! Yɛde yɛn ani ato ne so. Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ne nkwagyeɛ mu ahurisie.”+ Yesaia 30:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso Yehowa de aboterɛ retwɛn sɛ ɔbɛdom mo,+Na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.+ Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ atɛntenenee Nyankopɔn.+ Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.*+ Mika 7:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no kwan.+ Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn* me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn bɛtie me.+
3 Ampa, wɔn a wɔn ani da wo so no, wɔn mu biara ani renwu.+Nanso nnipa* a wɔtwa wɔn yɔnko nkontompo kwa no, wɔn anim bɛgu ase.+
9 Saa da no wɔbɛka sɛ: “Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn nie!+ Yɛde yɛn ani ato ne so,+Na ɔbɛgye yɛn.+ Yehowa nie! Yɛde yɛn ani ato ne so. Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ne nkwagyeɛ mu ahurisie.”+
18 Nanso Yehowa de aboterɛ retwɛn sɛ ɔbɛdom mo,+Na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.+ Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ atɛntenenee Nyankopɔn.+ Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.*+
7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no kwan.+ Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn* me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn bɛtie me.+