11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho;+ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ O Israel fie, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mowuwuo?”’+
9 Yehowa* nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; deɛ ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.+