21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho dendeenden no, deɛ mo ani gye ho a ɛda mo akoma so no, merebɛgu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn.+