19 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asaase so, na ɔboaboaa asaase so bobe no ano, na ɔto guu Onyankopɔn abufuo amena kɛseɛ a wɔkyĩ nsã* wom+ no mu.
15 Ná sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afiri n’anom,+ a ɔde bɛkunkum amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛdi wɔn so.*+ Bio nso, ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuo ne n’abufuhyeɛ amena a wɔkyĩ nsã* wom no so.+