-
Hesekiel 40:10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no, na awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa na ɛwɔ ɛfã biara. Ná mmiɛnsa no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ, na na ɛho adum a ɛwɔ ɛfã biara nso kɛseɛ yɛ pɛ.
-
-
Hesekiel 46:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mfimfini hɔ adihɔ no ponkɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ no,+ wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma no nyinaa,+ nanso sɛ ɛduru Homeda anaa bosome foforɔ a, wɔmmue. 2 Ɔberempɔn no mfiri abɔnten mfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so+ mmɛgyina aponnwa no ano. Asɔfoɔ no mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ ɛpono no ano na ɔmfiri adi. Nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ.
-