20 Ɛpono da adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no ano; ná anim kyerɛ atifi fam. Ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Ná awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa wɔ ɛfã biara. Berɛ a ɔsusuu ɛho adum ne n’abrannaa no, na ɛte sɛ ɛpono a ɛdi kan no deɛ. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25.