-
Hesekiel 48:8, 9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Wofiri Yuda asaase so a, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no, asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa no, ɛsɛ sɛ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa* 25,000,+ na ɛsɛ sɛ ne tenten ne mmusuakuo no nsaase a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no yɛ pɛ. Wɔde kronkronbea no bɛsi mfimfini.
9 “Asaase a mobɛtwa ama Yehowa sɛ ntoboa no tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000.
-