-
Marko 1:40-44Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
40 Kwatani bi nso baa ne nkyɛn bɛbuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 41 Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ 42 Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.* 43 Afei ɔgyaa no kwan ntɛm ara, na ɔbaraa no kaa sɛ: 44 “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. Na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+
-
-
Luka 5:12-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Berɛ foforɔ a ɔwɔ nkuro no baako mu no, hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ hɔ a kwata ayɛ ne ho nyinaa!* Berɛ a ɔhuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 13 Enti ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔkaa sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”* Na amonom hɔ ara, ne kwata no tu yerae.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara. Ɔka kaa ho sɛ: “Mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no, na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+
-