32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn nnansa nie, na wɔnni hwee a wɔbɛdie. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakɔtwitwa ahwe wɔ kwan so.”+
34 Na berɛ a ɔsii fam no, ɔhuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.+ Na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+
17 Ne saa nti, ɛho bɛhiaa sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ adeɛ nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔreɛ.+